Psalms 120

Ɔsoroforo dwom.


1 Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu,
na ogye me so.

2 Awurade, gye me fi atoro ano,
ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.


3 Dɛn na ɔbɛyɛ wo,
na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4 Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam
ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.


5 Nnome nka me sɛ metena Mesek,
na mete Kedar ntamadan mu!

6 Matena wɔn a wokyi asomdwoe
mu akyɛ dodo.

7 Meyɛ asomdwoe nipa;
nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.
Copyright information for TwiAKNA